Dwom 22:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Wɔn a wohu me nyinaa di me ho fɛw;+Wɔbaabae wɔn anom, na wɔwosowosow wɔn ti+ ka sɛ: Dwom 22:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Akraman atwa me ho ahyia;+Nnebɔneyɛfo asafodɔm aka me ahyem.+Wokura me nsa ne me nan mu+ sɛ gyata. Dwom 35:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Mma wɔn a wokyi me kwa no nnni me ho ahurusi;+Na wɔn a wɔtan me kwa no, mma wɔmmpa wɔn ani akyi.+ Yesaia 50:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Medan m’akyi maa mmaakãfo, na mede m’afono+ maa wɔn a wotutu nhwi. Na mamfa m’anim anhintaw animguase ne ntasu.+ Yesaia 53:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Nanso yɛn mmarato+ nti na wopiraa no,+ na yɛn mfomso nti na wobubuu no.+ Ogyee asotwe a ɛbɛma yɛanya asomdwoe,+ na ɔde n’akuru+ saa yɛn yare.+
16 Akraman atwa me ho ahyia;+Nnebɔneyɛfo asafodɔm aka me ahyem.+Wokura me nsa ne me nan mu+ sɛ gyata.
6 Medan m’akyi maa mmaakãfo, na mede m’afono+ maa wɔn a wotutu nhwi. Na mamfa m’anim anhintaw animguase ne ntasu.+
5 Nanso yɛn mmarato+ nti na wopiraa no,+ na yɛn mfomso nti na wobubuu no.+ Ogyee asotwe a ɛbɛma yɛanya asomdwoe,+ na ɔde n’akuru+ saa yɛn yare.+