29 Enti kurom hɔ nyinaa bɛyɛɛ gyegyeegye, na wɔn nyinaa de koma koro bɔɔ twi kɔɔ adehwɛbea hɔ, na wɔkyeree Gaio ne Aristarko+ a wɔyɛ Makedoniafo ne Paulo akwantu mu ahokafo no.
4 Ná wɔn a wɔka ne ho ne Beroiani Piro ba Sopata,+ Aristarko+ ne Sekundo a wɔyɛ Tesalonikafo, Derbeni Gaio, Timoteo,+ ne Tihiko+ ne Trofimo+ a wofi Asia mantam mu no.