24 Afei Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Ɛrenkyɛ na mawu; nanso Onyankopɔn bɛdan n’ani aba mo so,+ na obeyi mo afi asase yi so de mo akɔ asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma Abraham ne Isak ne Yakob no so.”+
6 Na ɔtoaa so sɛ: “Mene w’agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn, ne Yakob Nyankopɔn.”+ Afei Mose de n’anim hintawee, efisɛ na osuro sɛ ɔbɛhwɛ nokware Nyankopɔn no.
26 Na ɛdefa awufo ne nyan a wonyan wɔn ho no, monkenkanee wɔ Mose nhoma no mu wɔ asɛm a ɛfa nkyɛkyerɛ ho no mu, sɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mene Abraham Nyankopɔn, ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn’?+
37 Na Mose mpo daa no adi sɛ wonyan awufo, wɔ asɛm a ɛfa nkyɛkyerɛ ho no mu,+ bere a ɔfrɛɛ Yehowa sɛ ‘Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no.’+