Asomafo Nnwuma 17:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Bere a na Paulo retwɛn wɔn wɔ Atene a ohui sɛ ahoni ahyɛ kurow no ma no, ɛyɛɛ no ahometew.+ Romafo 1:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Na Onyankopɔn a mede me honhom nyinaa som no a enti meka ne Ba no ho asɛmpa no ne me dansefo+ sɛ minnyaee mo din bɔ da wɔ me mpaebɔ mu,+ 1 Korintofo 2:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Na nnipa mu hena na onim onipa ho ade sɛ onipa ankasa honhom+ a ɛwɔ ne mu? Saa ara nso na obi nnim Onyankopɔn ho ade sɛ Onyankopɔn honhom.+
9 Na Onyankopɔn a mede me honhom nyinaa som no a enti meka ne Ba no ho asɛmpa no ne me dansefo+ sɛ minnyaee mo din bɔ da wɔ me mpaebɔ mu,+
11 Na nnipa mu hena na onim onipa ho ade sɛ onipa ankasa honhom+ a ɛwɔ ne mu? Saa ara nso na obi nnim Onyankopɔn ho ade sɛ Onyankopɔn honhom.+