16 Mo a mo adwene akyea! So wobebu ɔnwemfo ne dɔte nyinaa pɛ?+ So ade betumi aka afa ne yɛfo ho sɛ: “Ɛnyɛ ɔno na ɔyɛɛ me”?+ Na anwenne betumi aka ne nwemfo ho asɛm sɛ: “Onnim hwee”?+
9 Nea ɔne ne Nwemfo di asi,+ sɛnea kuku sin bi ne asinasin foforo a egu fam di asi, no nnue! Dɔte+ bɛka akyerɛ ne nwemfo sɛ: “Dɛn na woayɛ yi?” Na w’adwuma bɛka sɛ: “Onni nsa”?