30 Bio nso wɔn a ɔhyɛɛ nea wɔbɛyɛ too hɔ+ no, wɔn nso na ɔfrɛɛ wɔn;+ na wɔn a ɔfrɛɛ wɔn no, wɔn nso na obuu wɔn bem.+ Awiei koraa no, wɔn a obuu wɔn bem no, wɔn nso na ɔhyɛɛ wɔn anuonyam.+
12 Na seesei de yehu nneɛma kusukusu wɔ dade ahwehwɛ mu,+ nanso afei ɛbɛyɛ anim ne anim.+ Seesei me nimdeɛ nni mũ, nanso afei menya nimdeɛ a edi mu sɛnea me nso wonim me yiye no.+