16 Sɛ wutie Yehowa wo Nyankopɔn ahyɛde a mede rema wo nnɛ yi, na wodɔ Yehowa wo Nyankopɔn,+ na wonantew n’akwan so di ne mmara nsɛm+ ne n’ahyɛde ne n’atemmusɛm+ nyinaa so a, ɛnde wubenya nkwa+ na w’ase atrɛw, na Yehowa wo Nyankopɔn behyira wo wɔ asase a worekɔfa no so.+
29 Woka kyerɛɛ wɔn+ sɛ wɔnsan mmra wo mmara+ ho de, nanso wodii ahantansɛm+ na wɔantie w’ahyɛde; na w’atemmusɛm nso,+ wɔyɛɛ ho bɔne,+ ɛno nso na sɛ obi di so a,+ ɔnam so nya nkwa. Wobuu nnua guu wɔn asom+ na wosinsen wɔn kɔn,+ na wɔantie.+