10 Na wɔn a Yehowa agye wɔn no bɛsan aba;+ wɔde osebɔ bɛba Sion+ na anigye ne wɔn atena daa.+ Ahurusi ne anigye na wɔn nsa bɛka, na awerɛhow ne apinisi aguan.+
14 ɔno na ɔde ne ho bɔɔ afɔre+ maa yɛn, na ɔde agye+ yɛn afi mmarato nyinaa mu, na watew ɔman bi ho+ de ayɛ n’ankasa ne de+ a wɔbɔ nnwuma pa+ ho mmɔden.
15 Ɛno nso nti na ɔyɛ apam foforo ntamgyinafo,+ sɛnea ɛbɛyɛ a esiane sɛ wawu de ayɛ agyede+ agye wɔn afi mmarato mu wɔ kan apam+ no mu nti, wɔn a wɔafrɛ wɔn no betumi anya daa nkwa agyapade ho bɔhyɛ no.+