6 Afei bere a Paulo hui sɛ nnipa no fã yɛ Sadukifo+ na fã nso yɛ Farisifo no, ɔteɛɛm wɔ Sanhedrin bagua no mu sɛ: “Mmarima, anuanom, meyɛ Farisini,+ Farisifo ba. Owusɔre+ ho anidaso ho nti na wɔrebu me atɛn yi.”+
14 Nanso bere a mihui sɛ wɔnnantew tẽẽ sɛnea asɛmpa no ho nokware no kyerɛ+ no, meka kyerɛɛ Kefa wɔ wɔn nyinaa anim+ sɛ: “Sɛ wo a woyɛ Yudani no bɔ wo bra sɛ amanaman muni na ɛnyɛ sɛ Yudani a, adɛn nti na worehyɛ amanaman mufo sɛ wɔmfa Yudafo kwan so?”+