17 Na sɛ yɛyɛ mma de a, yɛyɛ adedifo nso: nokwarem no, yɛyɛ Onyankopɔn adedifo, ne Kristo mfɛfo adedifo,+ nanso gye sɛ yɛne no hu amane+ ansa na wɔahyɛ yɛne no anuonyam.+
7 Mo okununom, monkɔ so ne wɔn ntena saa ara+ wɔ nimdeɛ mu,+ na munni mmea no ni+ sɛ wɔyɛ anwenne a ɛyɛ mmerɛw sen mo, efisɛ mo ne wɔn nyinaa yɛ nkwa a wɔde adom mo no adedifo,+ na mo mpaebɔ kwan ansiw.+