17 Na sɛ yɛyɛ mma de a, yɛyɛ adedifo nso: nokwarem no, yɛyɛ Onyankopɔn adedifo, ne Kristo mfɛfo adedifo,+ nanso gye sɛ yɛne no hu amane+ ansa na wɔahyɛ yɛne no anuonyam.+
24 Afei meredi ahurusi wɔ amane a mihu ma mo no mu,+ na me fam no, merewie Kristo mu amanehunu+ a aka no wɔ me honam mu ama ne nipadua a ɛne asafo no.+