Asomafo Nnwuma 10:45 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 45 Na ɛyɛɛ anokwafo a wofi wɔn a wɔatwa wɔn twetia mu a wɔne Petro bae no nwonwa, efisɛ wohwiee honhom kronkron dom akyɛde a wɔde ma kwa no guu amanaman mufo nso so.+ Efesofo 3:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Mebɛyɛɛ eyi ho somfo+ sɛnea Onyankopɔn dom akyɛde te; nea wɔde maa me sɛnea ne tumi yɛ adwuma+ no. Yakobo 1:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Akyɛde+ pa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ biara fi soro;+ efi hann Agya+ no nkyɛn, na sunsuma a ɛsakra na ɛdannan nni ne mu.+
45 Na ɛyɛɛ anokwafo a wofi wɔn a wɔatwa wɔn twetia mu a wɔne Petro bae no nwonwa, efisɛ wohwiee honhom kronkron dom akyɛde a wɔde ma kwa no guu amanaman mufo nso so.+
17 Akyɛde+ pa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ biara fi soro;+ efi hann Agya+ no nkyɛn, na sunsuma a ɛsakra na ɛdannan nni ne mu.+