Dwom 110:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Yehowa aka ntam+ (na ɔrennu ne ho)+ sɛ:“Woyɛ ɔsɔfo kosi mmeresanten+Wɔ Melkisedek kwan so!”+ Hebrifo 5:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Saa ara na ɔka wɔ baabi foforo nso sɛ: “Woyɛ ɔsɔfo daa wɔ Melkisedek kwan so.”+ Hebrifo 6:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 na ɛhɔ na odikanfo bi ahyɛn ama yɛn,+ Yesu, a wabɛyɛ ɔsɔfo panyin daa wɔ Melkisedek kwan so+ no.