Galatifo 6:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Enti mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu,+ na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba bere a ɛsɛ mu.+ 2 Tesalonikafo 3:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Anuanom, mo fam no, mommmrɛ papayɛ mu.+