24 “Wɔahyɛ adapɛn aduɔson wɔ wo man+ ne wo kurow kronkron+ no ho sɛ mmarato to ntwa+ na bɔne mmra awiei,+ na wɔmpata mfomso,+ na wɔmfa trenee mmra daa,+ na wɔmfa nsɔano+ ntim anisoadehu ne adiyifo so, na wɔnsra Kronkron mu Kronkronbea hɔ.+
26 Anyɛ saa a anka efi wiase nhyɛase+ no ɛsɛ sɛ ɔtaa hu amane. Nanso afei de wayi ne ho adi+ prɛko+ wɔ wiase nhyehyɛe no awiei+ sɛ ɔnam ne ho a ɔde bɔɔ afɔre no so beyi bɔne afi hɔ.+