Mmebusɛm 2:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Efisɛ Yehowa na ɔma nyansa,+ na n’anom na nimdeɛ ne nhumu fi.+ Yohane 15:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Sɛ motena me mu na me nsɛm tena mo mu a, mummisa biribiara a mopɛ na ɛbɛyɛ hɔ ama mo.+ 1 Yohane 5:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Ahotoso a yɛwɔ wɔ ne mu+ ne sɛ biribiara a yebisa sɛnea n’apɛde te no, otie yɛn.+