Exodus 33:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Ɔde kaa ho sɛ: “Worentumi nhu m’anim, efisɛ onipa biara renhu m’anim nnya nkwa.”+ Yohane 1:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Onipa biara nni hɔ a wahu Onyankopɔn pɛn;+ onyame+ a wɔwoo no koro a ɔda Agya no kokom no,+ ɔno na wakyerɛ sɛnea Agya no te.+ Yohane 4:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Onyankopɔn yɛ Honhom,+ na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom no no som no honhom ne nokware mu.”+ Yohane 5:37 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 37 Bio nso, Agya a ɔsomaa me no ara adi me ho adanse.+ Mo de, montee ne nne da na munhuu ne nipaban nso;+ Yohane 6:46 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 46 Ɛnyɛ sɛ obi ahu Agya no,+ gye nea ofi Onyankopɔn hɔ no; oyi na wahu Agya no.+
18 Onipa biara nni hɔ a wahu Onyankopɔn pɛn;+ onyame+ a wɔwoo no koro a ɔda Agya no kokom no,+ ɔno na wakyerɛ sɛnea Agya no te.+
37 Bio nso, Agya a ɔsomaa me no ara adi me ho adanse.+ Mo de, montee ne nne da na munhuu ne nipaban nso;+