17 Afei anuanom, mitu mo fo sɛ monhwɛ mo ho yiye wɔ wɔn a wɔde mpaapaemu+ ne hintiduato ba a ɛne nkyerɛkyerɛ+ a moasua no nhyia no ho, na montwe mo ho mfi wɔn ho.+
11 Na afei merekyerɛw mo sɛ, mo ne obi a wɔfrɛ no onua a ɔyɛ oguamammɔfo anaa odifudepɛfo+ anaa ɔbosonsonni anaa obi a ɔsopa afoforo anaa ɔsabofo+ anaa ɔpoobɔfo mmmɔ,+ na mo ne saa nipa no nnnidi mpo.
6 Afei anuanom, yɛhyɛ+ mo wɔ Awurade Yesu Kristo din mu sɛ montwe mo ho+ mfi onua biara a ɔnenam basabasa+ na onni nsɛm a munya fii yɛn nkyɛn no so no ho.+