22 Nanso mise mo sɛ obiara a ɔkɔ so ma ne bo fuw+ ne nua no bedi fɔ+ wɔ asɛnnii; obiara a ɔka asɛm a ɛyɛ asefem tia ne nua no bedi fɔ wɔ Asɛnnii Kɛse* mu, na wɔde obiara a ɔka sɛ, ‘Woyɛ ɔkwasampani!’ no bɛto Gehenna+ gya a ɛredɛw mu.
9 Afei nso, sɛ w’ani to wo hintidua a, tu fi hɔ na tow kyene; eye sɛ wode aniwa biako bɛkɔ nkwa mu sen sɛ wowɔ w’aniwa abien na wɔbɛtow wo ato Gehenna gya mu.+
6 Tɛkrɛma yɛ ogya.+ Tɛkrɛma yɛ nipadua kwaa a amumɔyɛ ahyɛ no mã, efisɛ ɛde nkekae ba nipadua no nyinaa ho+ na ɛde ogya to asetena kwan nyinaa mu, na Gehenna na ɛsɔ gya no.