15 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Bere a ayeforokunu+ no da so wɔ ne nnamfonom nkyɛn yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ ahow? Nanso nna bi bɛba a wɔbɛfa+ ayeforokunu no afi wɔn nkyɛn, ɛno na afei wobedi mmuada.+
29 Nea ayeforo no wɔ no no, ɔno ne ayeforokunu no.+ Na ayeforokunu no adamfo de, sɛ ogyina hɔ tie na ɔte ayeforokunu no nne a, n’ani gye paa. Enti anigye a mewɔ yi ayɛ mã.+