Genesis 22:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 W’aseni*+ so na asase so aman nyinaa nam benya nhyira, efisɛ woayɛ aso ama me.’”+ Yesaia 2:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Na nna a edi akyiri+ no mu no, Yehowa fie bepɔw+ betim hɔ wɔ mmepɔw atifi,+ na wɔbɛma so asen nkoko nyinaa,+ na aman nyinaa bɛsen yuu akɔ hɔ.+ Yesaia 60:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Aman bɛba wo kanea+ ho na ahene+ aba wo hann a ɛhyerɛn no ho.+ Adiyisɛm 15:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Yehowa,+ hena na ɔrensuro wo+ na ɔnhyɛ wo din anuonyam?+ Efisɛ wo nkutoo ne ɔnokwafo.+ Amanaman nyinaa bɛba w’anim abɛsom wo,+ efisɛ w’ahyɛde a ɛteɛ no ada adi.”+
2 Na nna a edi akyiri+ no mu no, Yehowa fie bepɔw+ betim hɔ wɔ mmepɔw atifi,+ na wɔbɛma so asen nkoko nyinaa,+ na aman nyinaa bɛsen yuu akɔ hɔ.+
4 Yehowa,+ hena na ɔrensuro wo+ na ɔnhyɛ wo din anuonyam?+ Efisɛ wo nkutoo ne ɔnokwafo.+ Amanaman nyinaa bɛba w’anim abɛsom wo,+ efisɛ w’ahyɛde a ɛteɛ no ada adi.”+