7 Na nea odi kan no hyɛn ne torobɛnto no. Na amparuwbo ne ogya+ a ɛne mogya adi afra bae, na wɔtow guu asase so; na asase no nkyem abiɛsa mu biako hyewee,+ na nnua nkyem abiɛsa mu biako hyewee, na wura momono+ nyinaa hyewee.
10 Na ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa no hyɛn ne torobɛnto no. Na nsoromma kɛse bi a ɛredɛw te sɛ kanea fi soro bɛhwee hɔ,+ na ɛhwee nsubɔnten abiɛsa mu biako ne nsuti so.+
12 Na ɔbɔfo a ɔto so anan no hyɛn ne torobɛnto no. Na owia nkyem abiɛsa mu biako ne ɔsram nkyem abiɛsa mu biako ne nsoromma nkyem abiɛsa mu biako ho kae, sɛnea ɛbɛyɛ na emu nkyem abiɛsa mu biako beduru sum+ na adekyee nkyem abiɛsa+ mu biako annya hann na anadwo nso saa ara.
15 Na ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛn ne torobɛnto+ no. Na nne akɛse gyigyee soro sɛ: “Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade+ ne ne Kristo+ no dea, na obedi hene daa daa.”+