Mmebusɛm 20:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Mmerante ahoɔfɛ ne wɔn ahoɔden,+ na nkwakoraa anuonyam ne wɔn atifi dwen.+ Daniel 7:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 “Mehwɛe ara kosii sɛ wosisii agua,+ na Nea ne nna akyɛ+ no bɛtenaa ase. N’atade yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma,+ na ne ti nhwi te sɛ oguanten nhwi fitafita.+ N’agua yɛ ogyaframa ara nko,+ na ne ntwahonan yɛ ogya a ɛrefram.+
9 “Mehwɛe ara kosii sɛ wosisii agua,+ na Nea ne nna akyɛ+ no bɛtenaa ase. N’atade yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma,+ na ne ti nhwi te sɛ oguanten nhwi fitafita.+ N’agua yɛ ogyaframa ara nko,+ na ne ntwahonan yɛ ogya a ɛrefram.+