Exodus 20:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Yehowa de nnansia na ɛyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nea ɛwom nyinaa,+ na da a ɛto so ason no ɔhomee.+ Ɛno nti na Yehowa hyiraa homeda so yɛɛ no kronkron no.+ Dwom 124:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Yehowa din mu na yɛn mmoa wɔ,+Ɔsoro ne asase Yɛfo no.”+ Dwom 146:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase,+Ɛpo ne nea ɛwom nyinaa,+Ɔno na ɔkora nokware so afebɔɔ,+
11 Yehowa de nnansia na ɛyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nea ɛwom nyinaa,+ na da a ɛto so ason no ɔhomee.+ Ɛno nti na Yehowa hyiraa homeda so yɛɛ no kronkron no.+