Yesaia 21:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Na hwɛ, nteaseɛnam ne nnipa, ne apɔnkɔ abien abien reba!”+ Na ɔteɛɛm kae sɛ: “Wahwe ase! Babilon ahwe ase,+ na wabubu n’anyame ahoni nyinaa agu fam!”+ Yeremia 51:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Babilon ahwe ase mpofirim na wabubu.+ Muntwa ne ho adwo.+ Ne yaw nti, momma no balsam+ ngo, na ebia ne ho bɛtɔ no.” Adiyisɛm 18:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Na ɔbɔfo hoɔdenfo bi maa ɔbo a ɛte sɛ owiyammo+ kɛse bi so tow too po+ no mu kae sɛ: “Saa ara na wɔbɛtow Babilon kurow kɛse no hwii akyene, na wɔrenhu no bio da.+
9 Na hwɛ, nteaseɛnam ne nnipa, ne apɔnkɔ abien abien reba!”+ Na ɔteɛɛm kae sɛ: “Wahwe ase! Babilon ahwe ase,+ na wabubu n’anyame ahoni nyinaa agu fam!”+
8 Babilon ahwe ase mpofirim na wabubu.+ Muntwa ne ho adwo.+ Ne yaw nti, momma no balsam+ ngo, na ebia ne ho bɛtɔ no.”
21 Na ɔbɔfo hoɔdenfo bi maa ɔbo a ɛte sɛ owiyammo+ kɛse bi so tow too po+ no mu kae sɛ: “Saa ara na wɔbɛtow Babilon kurow kɛse no hwii akyene, na wɔrenhu no bio da.+