4Eyinom akyi no, mihui, na hwɛ! ɔpon bi a wɔabue ano da hɔ wɔ soro, na ɛnne a edi kan a metee no te sɛ torobɛnto,+ na ɛka kyerɛɛ me sɛ: “Foro bra ha,+ na mɛkyerɛ wo nneɛma a etwa sɛ ɛba.”+
6 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Nsɛm yi wom, na ɛyɛ nokware;+ yiw, Yehowa, Onyankopɔn a ɔnam adiyifo+ so kasae+ no somaa ne bɔfo bɛkaa nneɛma a etwa sɛ ɛba ntɛm+ kyerɛɛ ne nkoa.