Genesis 42:38 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 38 Nanso ɔkae sɛ: “Meremma momfa me ba no nkɔ, efisɛ ne nua awu ama aka ne nkutoo.+ Sɛ asiane bi kɔto no kwan so a, mobɛma madi awerɛhow+ ara kosi sɛ mede me ti so dwen bɛkɔ Ɔdamoa* mu.”+ Genesis 44:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Na sɛ mode oyi nso fi me nkyɛn kɔ na sɛ asiane bi kɔto no a, mobɛma madi awerɛhow+ ara kosi sɛ mede me ti so dwen bɛkɔ Ɔdamoa* mu.’+ Dwom 89:48 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 48 Onipa bɛn na ɔte ase a ɔrenwu da?+ Obetumi agye ne ho* afi Ɔdamoa* nsam anaa? (Sela) Ɔsɛnkafo 9:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ, efisɛ adwuma ne nhyehyɛe ne nimdeɛ ne nyansa biara nni Ɔdamoa* mu+ a worekɔ no. Hosea 13:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Megye wɔn afi Ɔdamoa* nsam;Meyi wɔn afi owu mu.+ Owu, ade a wode wowɔ no wɔ he?+ Ɔdamoa, nea wode sɛe ade no wɔ he?+ Mmɔborɔhunu bɛyera afi m’anim. Asomafo Nnwuma 2:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 efisɛ worennyaw me* wɔ Ɔdamoa* mu, na woremma nea odi nokware ma wo* no mporɔw.*+ Adiyisɛm 20:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Na ɛpo yii awufo a ɛwom mae, na owu ne Ɔdamoa* yii awufo a ɛwom mae, na wobuu wɔn atɛn mmaako mmaako sɛnea wɔn nnwuma te.+
38 Nanso ɔkae sɛ: “Meremma momfa me ba no nkɔ, efisɛ ne nua awu ama aka ne nkutoo.+ Sɛ asiane bi kɔto no kwan so a, mobɛma madi awerɛhow+ ara kosi sɛ mede me ti so dwen bɛkɔ Ɔdamoa* mu.”+
29 Na sɛ mode oyi nso fi me nkyɛn kɔ na sɛ asiane bi kɔto no a, mobɛma madi awerɛhow+ ara kosi sɛ mede me ti so dwen bɛkɔ Ɔdamoa* mu.’+
10 Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ, efisɛ adwuma ne nhyehyɛe ne nimdeɛ ne nyansa biara nni Ɔdamoa* mu+ a worekɔ no.
14 Megye wɔn afi Ɔdamoa* nsam;Meyi wɔn afi owu mu.+ Owu, ade a wode wowɔ no wɔ he?+ Ɔdamoa, nea wode sɛe ade no wɔ he?+ Mmɔborɔhunu bɛyera afi m’anim.
13 Na ɛpo yii awufo a ɛwom mae, na owu ne Ɔdamoa* yii awufo a ɛwom mae, na wobuu wɔn atɛn mmaako mmaako sɛnea wɔn nnwuma te.+