Genesis 15:13, 14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Afei ɔka kyerɛɛ Abram sɛ: “Hu sɛ w’asefo* bɛkɔ akɔyɛ ahɔho wɔ obi man so, na ɛhɔfo de wɔn bɛyɛ nkoa na wɔateetee wɔn mfe 400.+ 14 Nanso mebu ɔman a wɔbɛsom wɔn no atɛn,+ na ɛno akyi wɔde agyapade bebree befi hɔ akɔ.+ Exodus 12:36 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 36 Yehowa maa nkurɔfo no nyaa Egyptfo anim dom, enti biribiara a wobisae no, wɔde maa wɔn, na wɔwerɛw Egyptfo ho.+
13 Afei ɔka kyerɛɛ Abram sɛ: “Hu sɛ w’asefo* bɛkɔ akɔyɛ ahɔho wɔ obi man so, na ɛhɔfo de wɔn bɛyɛ nkoa na wɔateetee wɔn mfe 400.+ 14 Nanso mebu ɔman a wɔbɛsom wɔn no atɛn,+ na ɛno akyi wɔde agyapade bebree befi hɔ akɔ.+
36 Yehowa maa nkurɔfo no nyaa Egyptfo anim dom, enti biribiara a wobisae no, wɔde maa wɔn, na wɔwerɛw Egyptfo ho.+