9 Sɛ mosan ba Yehowa nkyɛn a, wɔn a wɔbɛfaa mo nuanom ne mo mma kɔe no behu wɔn mmɔbɔ,+ na wɔbɛma wɔasan aba asaase yi so,+ efisɛ mo Nyankopɔn Yehowa wɔ ayamhyehye ne mmɔborɔhunu,+ na mosan ba ne nkyɛn a, ɔrenyi n’ani mfi mo so.”+
17 Wɔantie,+ na wɔankae anwonwade a woyɛe wɔ wɔn mu no. Mmom no, wɔyɛɛ asoɔden na wɔpaw obi sɛ onni wɔn anim nsan nkɔ wɔn nkoasom mu wɔ Egypt.+ Nanso woyɛ Onyankopɔn a wuyi wo yam de bɔne kyɛ,* wowɔ ayamhyehye ne mmɔborɔhunu, wo bo mfuw ntɛm, wo dɔ a enni huammɔ nni ano,+ enti woampo wɔn.+