18 ‘Yehowa, nea ne bo mfuw ntɛm, nea ne dɔ a enni huammɔ nni ano,+ nea ɔde mfomso ne mmarato ne bɔne kyɛ, nanso ɔmma nea odi fɔ mfa ne ho nni da. Ɔde agyanom bɔne ho asotwe ba mma ne mmanana ne nanankansowanom so.’+
9 Yehowa* nkyɛ ne bɔhyɛ ho+ sɛnea ebinom bu biribi sɛ ɛkyɛ no, na mmom ɔwɔ mo ho abotare efisɛ ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe; nea ɔpɛ ne sɛ obiara bɛsakra n’adwene.+