-
Leviticus 22:18-20Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
18 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfo nyinaa sɛ, ‘Sɛ bɔhyɛ bi nti Israelni anaa ɔhɔho a ɔte Israel de aboa bi ba sɛ wɔmfa mmɔ ɔhyew afɔre+ anaa ayamye afɔre+ mma Yehowa a, 19 nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn ani asɔ no, ɛsɛ sɛ aboa no yɛ nantwinini, odwennini kumaa, anaa ɔpapo a ɔte apɔw.+ 20 Mommfa biribiara a dɛm wɔ ho mmma,+ anyɛ saa a, n’ani rensɔ.
-