Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Exodus 29:38-42
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 38 “Nea wode bɛbɔ afɔre wɔ afɔremuka no so ni: da biara,+ wobɛfa adwennini nkumaa abien a wɔn mu biara adi afe. 39 Fa adwennini nkumaa no baako bɔ afɔre anɔpa na fa baako nso bɔ afɔre anwummere a anim rebiribiri.*+ 40 Sɛ wode odwennini kumaa a odi kan no rebɔ afɔre a, fa ngo pa a efi ngodua mu hin* nkyem anan mu baako, na fa fra esiam muhumuhu efa susude* nkyem du mu baako ka ho, na fa bobesa hin nkyem anan mu baako nso bɔ nsã afɔre. 41 Odwennini kumaa a ɔto so abien no, fa bɔ afɔre anwummere a anim rebiribiri.* Fa aduan afɔre ne afɔrebɔ nsã no bi ka ho te sɛ anɔpa de no ara. Fa bɔ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa. 42 Mo awo ntoatoaso nyinaa mu no, mommɔ ɔhyew afɔre yi wɔ Yehowa anim daa wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano, na ɛhɔ na meyi me ho adi ne mo akasa.+

  • Numeri 28:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Afɔre a wɔde ogya hyew a mobɛbɔ ama Yehowa ni: Da biara, momfa adwennini nkumaa abien a wɔte apɔw a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyew afɔre; monyɛ saa daa.+

  • Hebrifo 10:11
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 11 Bio nso, da biara, ɔsɔfo biara kogyina ne gyinabea yɛ adwuma kronkron,*+ na ɔbɔ afɔre koro no ara mpɛn pii,+ afɔre a entumi nyi bɔne mfi hɔ korakora no.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena