-
Exodus 29:16-18Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
16 Kum odwennini no na fa ne mogya pete afɔremuka no ho hyia.+ 17 Twitwa aboa no mu asinasin na hohoro ne nsono+ mu ne ne nan* ho, na fa esin biara to ne sin foforo ho kosi ne ti. 18 Hyew odwennini mu no nyinaa wɔ afɔremuka no so. Ɛyɛ ɔhyew afɔre huamhuam* a wɔhyew ma Yehowa.+ Ɛyɛ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa.
-
-
Leviticus 8:18-21Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
18 Ɛno akyi no, ɔde odwennini a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre no nso bae, na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu odwennini no apampam.+ 19 Afei Mose kum aboa no de ne mogya petee afɔremuka no so hyiae. 20 Mose twitwaa odwennini no mu asinasin, na ɔde ne ti, ne nam asinasin no, ne ne srade* no nyinaa guu gya no mu. 21 Mose de nsu hohoroo ne nsono ne ne nan ho, na ɔhyew odwennini no nyinaa wɔ afɔremuka no so. Ná ɛyɛ ɔhyew afɔre huamhuam,* afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.
-
-
Leviticus 9:12-14Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
12 Afei okum aboa a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre no, na Aaron mma no de mogya no brɛɛ no, na ɔde petee afɔremuka no so hyiae.+ 13 Wotwitwaa aboa no mu asinasin de ne ti kaa ho brɛɛ no, na ɔhyewee wɔ afɔremuka no so. 14 Afei ɔhohoroo ne nsono ne ne nan ho, na ɔhyewee wɔ afɔremuka no so kaa ɔhyew afɔre no ho.
-