-
Exodus 29:40, 41Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
40 Sɛ wode odwennini kumaa a odi kan no rebɔ afɔre a, fa ngo pa a efi ngodua mu hin* nkyem anan mu baako, na fa fra esiam muhumuhu efa susude* nkyem du mu baako ka ho, na fa bobesa hin nkyem anan mu baako nso bɔ nsã afɔre. 41 Odwennini kumaa a ɔto so abien no, fa bɔ afɔre anwummere a anim rebiribiri.* Fa aduan afɔre ne afɔrebɔ nsã no bi ka ho te sɛ anɔpa de no ara. Fa bɔ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa.
-