-
Leviticus 2:3-7Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
3 Sɛ ɔbɔ aduan afɔre no wie a, aduan a ɛbɛka no nyinaa yɛ Aaron ne ne mma dea;+ ɛyɛ ade kronkron paa+ a efi afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa no mu.
4 “‘Sɛ wopɛ sɛ wotõ aduan wɔ fononoo mu de bɛbɔ afɔre a, fa ngo fɔtɔw esiam muhumuhu yɛ paanoo a mmɔkaw* nnim a ɛte sɛ kawa, anaa yɛ paanoo ntraantraa a mmɔkaw nnim na fa ngo sra ho.+
5 “‘Sɛ wopɛ sɛ wotõ aduan wɔ apampaa so+ de bɔ afɔre a, fa esiam muhumuhu a wɔde ngo afɔtɔw a mmɔkaw nnim yɛ. 6 Bubu mu asinasin na hwie ngo gu so.+ Ɛyɛ aduan afɔre.
7 “‘Na sɛ wopɛ sɛ wokyew aduan wɔ ɔsɛn mu de bɛbɔ afɔre a, fa esiam muhumuhu ne ngo yɛ.
-