-
Leviticus 14:21, 22Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
21 “Nanso sɛ ɔyɛ ohiani na ne nsa nso so a, ɛnde ɔmfa odwennini kumaa baako mmra sɛ afodi afɔre ne ohim afɔre, na wɔmfa mpata mma no. Afei ɔmfa esiam muhumuhu efa nkyem du mu baako* a ɔde ngo afra mmɛbɔ aduan afɔre, ne ngo susukuruwa baako, 22 ne mmuruburuw abien anaa mmorɔnoma mma abien, nea ne nsa bɛso so biara. Ɔde anomaa baako bɛbɔ bɔne ho afɔre na ɔde baako abɔ ɔhyew afɔre.+
-