-
Leviticus 7:23-25Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
23 “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Munnni nantwi anaa oguan ba anaa apɔnkye srade+ biara. 24 Sɛ mokɔto sɛ aboa bi awu anaasɛ aboa foforo akum no a, mubetumi de ne srade ayɛ biribiara a mopɛ, nanso monhwɛ na moanni bi da.+ 25 Sɛ obi de aboa reba ama wɔde ogya ahyew abɔ afɔre ama Yehowa, na sɛ odi ne srade a, wonkum saa onipa no.*
-
-
1 Ahene 8:64Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
64 Saa da no, ɔhene yɛɛ Yehowa fi anim adiwo no mfinimfini hɔ kronkron, efisɛ ɛhɔ na na ɔbɛbɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre no, na asomdwoe afɔre ho srade no nso, ɛhɔ na na ɔbɛhyew no; nea enti a ɔyɛɛ saa ne sɛ, kɔbere afɔremuka+ a ɛwɔ Yehowa anim no, na ɔhyew afɔre ne aduan afɔre ne asomdwoe afɔre ho srade+ a wɔrebɛhyew no nyinaa renkɔ so.
-