-
Numeri 6:13, 14Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
13 “‘Mmara a ɛwɔ hɔ ma Nasirini ni: Sɛ nna a ɔbɛtena ase sɛ Nasirini no+ ba awiei a, wɔmfa no mmra ahyiae ntamadan no ano. 14 Ɛhɔ na ɔmfa nneɛma yi mmɛbɔ afɔre mma Yehowa: odwennini kumaa baako a ɔte apɔw a wadi bɛyɛ afe a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre,+ oguammere kumaa baako a ɔte apɔw a wadi bɛyɛ afe a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre,+ ne odwennini baako a ɔte apɔw a wɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre.+
-