-
1 Samuel 2:15-17Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
15 Bio nso, bere a wonnya nhyew srade+ no, asɔfo no asomfo ba, na wɔbɛka kyerɛ nea ɔrebɔ afɔre no sɛ: “Ma me nam na wɔntoto mma ɔsɔfo; ɔmpɛ nam a wɔanoa, nammono mmom na ɔpɛ.” 16 Nanso sɛ onii no ka kyerɛ no sɛ: “Ma yenni kan nhyew srade+ no ansa, na ɛno akyi no wubetumi afa nea wopɛ* biara” a, ɔka sɛ: “Daabi, fa ma me seesei ara; anyɛ saa a, me ara mɛfa!” 17 Enti, na wɔn* bɔne so paa wɔ Yehowa ani so,+ efisɛ mmarima no buu Yehowa afɔrebɔde animtiaa.
-