-
Leviticus 19:20, 21Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
20 “‘Sɛ ɔbarima bi ne afenaa a wɔde no rema ɔbarima foforo da, na sɛ wɔntɔɔ ɔbea no mfii nkoasom mu anaa onnya nnee ne ho a, ɛsɛ sɛ wonya ho asotwe. Nanso ɛnsɛ sɛ wokum wɔn, efisɛ ɔbea no nnya nnee ne ho. 21 Ɔbarima no mfa odwennini mmrɛ Yehowa wɔ ahyiae ntamadan no kwan ano mma wɔmfa mmɔ afodi afɔre.+
-
-
Numeri 6:12Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
12 Na ɔnsan nhyira ne ho so bio mma Yehowa, nna a ɔde bɛtena ase sɛ Nasirini no. Ɔmfa odwennini kumaa a wadi bɛyɛ afe mmɛbɔ afodi afɔre. Nanso, nna a kan no ɔde tenaa ase sɛ Nasirini no de, ne nyinaa bɛhyew agu, efisɛ wagu ne ho fĩ.
-