-
Genesis 8:20, 21Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
20 Ɛnna Noa sii afɔremuka+ maa Yehowa, na oyii wuram mmoa a wɔn ho tew ne ntuboa a wɔn ho tew+ nyinaa mu bi de wɔn bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka no so.+ 21 Na Yehowa tee sɛ afɔre no yɛ huam,* enti Yehowa kae wɔ ne komam sɛ: “Merenhwɛ nea onipa ayɛ ho nnome asaase*+ bio, efisɛ nea onipa susuw wɔ ne komam yɛ bɔne fi ne mmofraase;+ na meremfa me nsa nka nea ɛte ase nyinaa bio sɛnea mayɛ yi.+
-
-
Numeri 15:2, 3Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
2 “Wo ne Israelfo nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ mudu asaase a mede ama mo sɛ monkɔtena so no so,+ 3 na mode nantwi anaa oguan bɔ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa a, sɛ ɛyɛ ɔhyew afɔre oo,+ bɔhyɛ titiriw ho afɔre oo, ayamye afɔre oo,+ afɔre a morebɔ no afahyɛ bere+ oo, sɛ mopɛ sɛ ɛyɛ huam* ma Yehowa a,+
-