-
Leviticus 6:14-16Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
14 “‘Aduan afɔre no ho mmara ni:+ Aaron mma na ɛsɛ sɛ wɔde ba Yehowa anim wɔ afɔremuka no anim. 15 Wɔn mu baako nsaw esiam muhumuhu a wɔde bɛbɔ aduan afɔre no ne ngo no ne ɛhyɛ* a ɛka ho no nsa ma, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so sɛ afɔre huamhuam* mma Yehowa, na ɛno nnyina hɔ mma afɔre no nyinaa.*+ 16 Aaron ne ne mma nni nea ɛbɛka no.+ Wonni no sɛ paanoo a mmɔkaw* nnim wɔ beae a ɛhɔ yɛ kronkron wɔ ahyiae ntamadan no adiwo.+
-