Exodus 12:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Ɛyɛ a momfa nnanson nni paanoo a mmɔkaw nnim.+ Da a edi kan no, munyi mmɔkaw biara mfi mo afi mu, efisɛ onipa* biara a obedi ade a mmɔkaw wom fi da a edi kan kosi da a ɛto so ason no, wobekum* no afi Israelfo mu. Leviticus 23:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 “‘Saa bosome yi da a ɛto so 15 no yɛ Paanoo a Mmɔkaw* Nnim Afahyɛ ma Yehowa.+ Enti munni paanoo a mmɔkaw nnim nnanson.+ 1 Korintofo 5:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Enti mommma yɛmmfa mmɔkaw dedaw, anaa bɔneyɛ ne amumɔyɛ mmɔkaw nnni afahyɛ* no,+ na mmom momma yɛmfa kronkronyɛ ne nokware paanoo a mmɔkaw nnim nni.
15 Ɛyɛ a momfa nnanson nni paanoo a mmɔkaw nnim.+ Da a edi kan no, munyi mmɔkaw biara mfi mo afi mu, efisɛ onipa* biara a obedi ade a mmɔkaw wom fi da a edi kan kosi da a ɛto so ason no, wobekum* no afi Israelfo mu.
6 “‘Saa bosome yi da a ɛto so 15 no yɛ Paanoo a Mmɔkaw* Nnim Afahyɛ ma Yehowa.+ Enti munni paanoo a mmɔkaw nnim nnanson.+
8 Enti mommma yɛmmfa mmɔkaw dedaw, anaa bɔneyɛ ne amumɔyɛ mmɔkaw nnni afahyɛ* no,+ na mmom momma yɛmfa kronkronyɛ ne nokware paanoo a mmɔkaw nnim nni.