18“Lewifo a wɔyɛ asɔfo no, Lewi abusuakuw no nyinaa, wɔremma obiara kyɛfa anaa agyapade biara wɔ Israel. Yehowa kyɛfa a ɛne afɔre a wɔde ogya hyew ma no no, ɛno na wobedi.+
4 Wɔfaa Yosef asefo sɛ mmusuakuw abien,+ Manase ne Efraim.+ Wɔantwa asaase no bi amma Lewifo no, gye nkurow+ a wɔbɛtena mu ne ɛho nsaase a wɔn nyɛmmoa bedidi so na wɔde wɔn nneɛma agu so.+