30 Abusuapanyin a ɔda Kohatfo agyanom abusuafi ano ne Usiel+ ba Elisafan. 31 Adwuma a wɔde hyɛɛ wɔn nsa ne sɛ wɔbɛhwɛ Adaka no,+ ɔpon no,+ kaneadua no,+ afɔremuka+ a ɛwowɔ hɔ, nneɛma a wɔde som wɔ kronkronbea hɔ,+ ntama no,+ ne eyinom ho adwuma biara.+