5 Hwɛ! Wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima, na ɛnsɛ sɛ oyi ne ti,*+ efisɛ sɛ wonya wo abofra no* pɛ, ɔbɛyɛ Nasirini ama Onyankopɔn. Na ɔno na obedi anim agye Israel afi Filistifo nsam.”+
17 Enti afei de, ɔkaa ne komam asɛm nyinaa kyerɛɛ no sɛ: “Minyii me ti* da, efisɛ bere a wɔwoo me* ara na mebɛyɛɛ Nasirini maa Onyankopɔn.+ Sɛ miyi me ti a, m’ahoɔden nyinaa bɛkɔ, mɛyɛ mmerɛw na mayɛ sɛ onipa biara.”
11 Na ɔkaa ntam sɛ: “O asafo Yehowa, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfi w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabarima a,+ ɛnde mede no bɛma Yehowa ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan renka ne ti.”+