29 Eduu anadwo dasum no, Yehowa kum Egypt asaase no so abakan biara,+ efi Farao a ɔte agua so abakan so kosi akoa a ɔda afiase* abakan so. Okum aboa biara nso abakan.+
15 Bere a Farao pirim ne koma kae sɛ ɔremma yɛnkɔ no,+ Yehowa kum abakan biara a ɔwɔ Egypt asaase so, efi onipa so kosi aboa so.+ Ɛno nti na mede anini a wodi kan nyinaa* rebɔ afɔre ama Yehowa no, nanso m’abakan biara de, mɛtɔ no.’