Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Exodus 18:25
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 25 Ɛnna Mose paw Israelfo no mu mmarima a wɔfata yɛɛ wɔn mpanyimfo wɔ nnipa apem biara so, ɔha biara so, aduonum biara so, ne edu biara so.

  • Numeri 1:16
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 16 Eyinom na woyii wɔn wɔ asafo no mu. Wɔn na wɔyɛ wɔn agyanom mmusuakuw mu mpanyimfo+ a wɔdeda Israel apem apem ano.”+

  • Yosua 22:13, 14
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 13 Na Israelfo somaa ɔsɔfo Eleasar ba Finehas+ kɔɔ Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fã no nkyɛn wɔ Gilead asaase so. 14 Ná mpanyimfo du ka ne ho; woyii ɔpanyin baako fii Israel agyanom abusuakuw biara mu. Ná wɔn mu biara da n’agyanom fi ano, Israel apem apem* mu.+

  • Yosua 23:2
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 2 Yosua frɛɛ Israelfo nyinaa,+ mpanyimfo ne ahwɛfo ne atemmufo ne atitiriw,+ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me de, me mfe akɔ anim, na mabɔ akwakoraa.

  • 1 Beresosɛm 27:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 27 Israelfo akuwakuw a afe afe wɔba bosome biara bɛsom kɔ no, na kuw biara mu nnipa yɛ 24,000. Ná akuw no mufo binom yɛ agyanom abusuafi mpanyimfo, ebinom yɛ apem apem ne ɔhaha so mpanyimfo,+ ɛnna ebinom nso yɛ atitiriw a wɔhwɛ akuw no nsɛm nyinaa so de som ɔhene.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena