13 Yefune ba Kaleb+ de, ɔmaa no asaase wɔ Yuda asefo mu sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Yosua no; ɛno ne Kiriat-Arba (ná Arba yɛ Anak agya). Saa kurow yi ara ne Hebron.+
11 Na wɔde Kiriat-Arba+ (ná Arba yɛ Anak agya), kyerɛ sɛ, Hebron,+ a ɛwɔ Yuda mmepɔw mu ne ɛho nsaase a mmoa bedidi so maa wɔn. 12 Na kurow no ho nsaase ne ɛho nkuraa de, wɔde maa Yefune ba Kaleb sɛ n’agyapade.+