Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Numeri 27:12-14
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Foro kɔ bepɔw a ɛwɔ Abarim yi so,+ na kɔhwɛ asaase a mede bɛma Israelfo no.+ 13 Sɛ wuhu wie a, wɔde wo bɛkɔ akɔka wo nkurɔfo ho*+ sɛnea wɔyɛɛ wo nua Aaron no,+ 14 efisɛ bere a asafo no ne me hamee wɔ Sina sare so no, meka kyerɛɛ mo sɛ munni me ni wɔ asafo no anim mma wonhu sɛ meyɛ kronkron na momma wɔn nsu, nanso moyɛɛ asoɔden.+ Eyi ne Meriba nsu+ a ɛwɔ Kades+ wɔ Sina sare so+ no.”

  • Deuteronomium 1:37
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 37 (Mo nti, Yehowa bo fuw me mpo, na ɔkae sɛ, “Wo nso worenkɔ hɔ bi.+

  • Deuteronomium 3:26
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 26 Nanso mo nti, Yehowa bo a efuw me no, na ennwoe,+ enti wantie me. Mmom Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Twa so! Mmɔ asɛm yi so nkyerɛ me bio.

  • Deuteronomium 32:51, 52
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 51 efisɛ mo baanu no anni me nokware wɔ Israelfo mu bere a mowɔ Meriba nsu+ a ɛwɔ Kades no ho wɔ Sina sare so no; moanyɛ me kronkron wɔ Israelfo no mu.+ 52 Wode w’ani behu asaase a mede rema Israelfo no wɔ akyirikyiri, nanso wo nan rensi hɔ.”+

  • Deuteronomium 34:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 4 Ɛnna Yehowa toaa so ka kyerɛɛ no sɛ: “Asaase yi na mekaa ntam kyerɛɛ Abraham, Isak, ne Yakob sɛ, ‘Mede bɛma w’asefo’* no.+ Mama wode w’ani ahu, nanso worentwa nkɔ hɔ.”+

  • Yosua 1:2
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 2 “M’akoa Mose awu.+ Afei sɔre na wo ne nnipa yi nyinaa ntwa Asubɔnten Yordan yi nkɔ asaase a mede rema Israelfo no so.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena